Ezekiel 40:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete wɔ ho nyinaa te sɛ mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene yɛ anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan ɛnan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia sɛ saa mfɛnsere no te; ne ntwemu basafa aduonum na ne trɛw basafa dumien ne fa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mfɛnsere nketenkete wowɔ ɔpon no ne ntwironoo no ho nyinaa te sɛ mfɛnsere nketenkete a ɛwɔ nkae no ho no. Na ntwironoo no tenten yɛ anammɔn aduɔwɔtwe ason na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anan.