Ezekiel 40:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo kɔ ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni wɔ afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na n’aforoe yɛ ntrapoe asɔn, na ne ntam fasu sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, biako wɔ ha na biako wɔ ha, n’adum ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na atrapoe nnidiso ason na wɔforo kɔ ɔpon no ano, na ntwironoo no ne no di nhwɛanim; na mmedua mfoni wɔ afasu ntiantia a etwitwa awɛmfo no adan no ntam no anim wɔ nʼafanu.