Ezekiel 40:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo tɛ sɛ nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete wɔ ɛho nyinaa. Na ne tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne mpia, n’adum ne ne ntam fasu; na mfɛnsere twa ho hyia; ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
saa ara na nʼawɛmfo adan, afasu ntiantia a etwitwa adan no ntam ne ne ntwironoo te sɛ nkae no, na mfɛnsere nketenkete wɔ ho nyinaa. Na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.