Ezekiel 40:37 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de kɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ne ntam fasu kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne ntwironoo no ani kyerɛ mfikyiri adiwo hɔ, nʼafadum no afaanu nyinaa ho wɔ mmedua a mfoni afɛɛfɛ, na atrapoe nnidiso awotwe na wɔforo de kɔ hɔ.