Ezekiel 40:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ntwironoa no akyi nkyɛn mu a ɛda nea woreforo akɔ ɔponkɛse no ano no benkum fam hɔ, apon abien sisi hɔ, na ɔponkɛse no ntwironoa no nkyɛn mu ha nso, apon abien nso sisi hɔ;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Apon abien sisi ntwironoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam pon no ano hɔ.