Ezekiel 40:42 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan wɔ hɔ ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene yɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ anammɔn mmienu ne fa, ne trɛ yɛ anammɔn ne fa, ne korɔn yɛ anammɔn baako ne fa; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ anammɔn mmienu ne fa, ne trɛ yɛ anammɔn ne fa, ne korɔn yɛ anammɔn baako ne fa; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na apon anan sisi aforoe no ho, ɛyɛ abo a wɔasen, ne ntwemu basafa biako ne fa, ne trɛw basafa biako ne fa, ne korɔn basafa biako; ɛno so na wɔde ade a wɔde kum ɔhyew afɔre ne okum afɔre no gu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na abo a wɔatwa no apon anan nso wɔ hɔ ma ɔhyew afɔrebɔde. Emu biara tenten yɛ anammɔn abien ne nkyɛmu anan mu baako, na ne trɛw nso yɛ saa ara, ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn baako ne fa. Saa apon yi so na wɔde afoa ne nkuku a wɔde yɛ ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔde a aka no ho nneɛma gu.