Ezekiel 40:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn edu ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔbaa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam kwan so no ho, na ɔforoo n’atrapoe no, na osusuw ɔponkɛse no ano, ɔpon ase a ne trɛw yɛ demmire biako, ɛne ɔpon ase biako a ne trɛw yɛ demmire biako.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔkɔɔ abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na osusuw abobow ano no, na ne trɛw yɛ susudua no baako.