Ezekiel 40:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na ne tentene mu yɛ anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie yɛ anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na osusuw ntwironoa no basafa anan, ne n’adum no, basafa baako, na ntwironoa no kyerɛ ofi no emu fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na ne tenten mu yɛ anammɔn dumien, na nʼadum mu biara nso piw yɛ anammɔn abiɛsa. Ɔpon no ntwironoo anim hwɛ asɔredan no.