Ezekiel 41:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na apono deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɛkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafoɔ fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɛkwan no so no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa twa ho hyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa twa ho hyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nkyɛn mu mpia no apon ano kwan kɔ nea wogyawee no so, ɔpon ano biako kyerɛ benkum fam, na ɔpon ano biako wɔ nifa fam, na ɔkwan a wogyawee no trɛw si basafa abien ne fa twa ho hyia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na apon deda nkyɛnkyɛn adan no ano a ani hwɛ ɔkwan no. Na baako wɔ atifi fam na baako nso wɔ anafo fam; na bamma no anim a ɛkyerɛ ɔkwan no so no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa.