Ezekiel 41:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛdan a ani hwɛ asɔredan no adihɔ wɔ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn ɔha ne enum. Ɛdan no ɔfasuo no pipiripie yɛ anammɔn nson ne fa wɔ ho nyinaa na ne tentene yɛ anammɔn ɔha aduasa enum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduasa nnum, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa mmienu ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduanan nnum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduasa nnum, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa mmienu ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduanan nnum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔdan a esi ofi no akyi adiwo atɔe fam no trɛw si basafa aduasa anum, na ɔdan no fasu trɛw si basafa abien ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu si basafa aduanan anum.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔdan a ani hwɛ asɔredan no adiwo wɔ atɔe fam no trɛw yɛ anammɔn ɔha ne anum. Ɔdan no fasu no mu piw yɛ anammɔn ason ne fa wɔ ho nyinaa na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduasa anum.