Ezekiel 41:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onipa anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako na gyata anim kyerɛ mmɛdua wɔ fa baako a aka. Na wɔakurukyire wɔ asɔredan no ho nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na onipa anim kyerɛ abɛ ɔfa ha, na gyata anim kyerɛ abɛ ɔfa ha; wɔyɛe ɔdan no mu nyinaa hyiae;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onipa anim kyerɛ mmedua wɔ ɔfa baako na gyata anim kyerɛ mmedua no wɔ ɔfa baako a aka no. Na wosinsen tetaree asɔredan no ho nyinaa.