Ezekiel 41:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na afɔrebukyia a wɔde dua asene wɔ hɔ a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa a na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara susu anammɔn mmiɛnsa; ne ntweaso, ne nnyinasoɔ ne nʼafafa no, wɔde dua na ayɛ. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me sɛ, “Saa ɛpono yi na ɛsi Awurade anim.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afɔremuka no yɛ dua, ne korɔn basafa biako ne fa, na ne ntwemu basafa baako, na ne twea ne ne nnyinaso ne n’afasu yɛ dua; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Eyi ne ɔpon a esi AWURADE anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na afɔremuka a wɔde dua asen no ahinanan wɔ hɔ a ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa a ɔfa biara tenten yɛ anammɔn abiɛsa; wɔde dua na na ayɛ ne ntwea so, ne nnyinaso ne nʼafaafa no. Ɔbarima no ka kyerɛɛ me se, “Saa ɔpon yi na esi Awurade anim.”