Ezekiel 41:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔsisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan mmiɛnsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ asan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi soɔ no traawa te sɛ apa a atwa asɔredan no ɔfasuo no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinasoɔ ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no ɔfasuo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahorow abiɛsa, ne saa ahorow aduasa, na ɛkɔ ɔfasu a ɛwɔ ɔdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma esuso mu, nanso ensuso ɔdan no fasu mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wosisii nkyɛnkyɛn adan wɔ asan abiɛsa a ɛtoa so so. Adan aduasa wɔ ɔsan biara so. Wɔayɛ asan yi a adan no sisi so no ntrantraa te sɛ apa a atwa asɔredan no fasu no ho ahyia. Ɛyɛ nnyinaso ma adan no, nanso ɛnka asɔredan no fasu no.