Ezekiel 41:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ aseɛ. Asan mmiɛnsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, deɛ ɛwɔ ɔsoro biara trɛ sene deɛ ɛwɔ nʼase, ɛno enti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro mu trɛ sene deɛ ɛwowɔ nʼase. Atwedeɛ bi firi asan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mpia no rekɔ soro hyia no na emu retrɛw, na ɔdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɔdan no ho hyia, enti emu trɛwee ɔdan no ho wɔ soro, na ne saa fi ase de no mu fa mfinimfini de no mu kɔ soro de no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ ase. Asan abiɛsa a atwa asɔredan no ho ahyia no, nea ɛwɔ soro biara trɛw sen nea ɛwɔ nʼase, ɛno nti nkyɛnkyɛn adan a ɛwowɔ soro no mu trɛw sen nea ɛwowɔ nʼase. Atrapoe bi fi ɔsan a ɛwɔ fam pa ara no so foro tra mfimfini asan no kɔ ɔsan a ɛto so abiɛsa no so.