Ezekiel 42:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ asɔfoɔ no kɔ beaeɛ kronkron hɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ hɔ kɔsi sɛ wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu hɔ, ɛfiri sɛ saa ntadeɛ no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi kɔ hɔ no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɔfoɔ no hyɛne mu a, wɔmmfiri kronkronbea hɔ mmfiri adi nnkɔ ɛho fam abannwa no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntadeɛ a wɔde som nguo, na ɛyɛ kronkron. Wɔnhyehyɛ ntadeɛ foforɔ ansa na wɔabɛn deɛ ɛyɛ ɔman no deɛ ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɔfoɔ no hyɛne mu a, wɔmmfiri kronkronbea hɔ mmfiri adi nnkɔ ɛho fam abannwa no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntadeɛ a wɔde som nguo, na ɛyɛ kronkron. Wɔnhyehyɛ ntadeɛ foforɔ ansa na wɔabɛn deɛ ɛyɛ ɔman no deɛ ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɔfo no hyɛn mu a, wommfi kronkronbea hɔ mmfi adi nnkɔ ɛho fam abangua no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntade a wɔde som ngu, na ɛyɛ kronkron; wɔnhyehyɛ ntade foforo ansa na wɔabɛn nea ɛyɛ ɔman no de ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.”