Ezekiel 42:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri sɛ na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na soro dammoa no yɛ ntiantia, ɛfiri sɛ mmrannaa no afa fa, na ɛntrɛ sɛ ɛdan no mfimfini no ase deɛ no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na soro dammoa no yɛ ntiantia, ɛfiri sɛ mmrannaa no afa fa, na ɛntrɛ sɛ ɛdan no mfimfini no ase deɛ no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na soro adammaa no yɛ ntiantia, efisɛ mmrannaa no di mu bi, na ɛntrɛw sɛ ɔdan no mfinimfini ne ase de no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no.