Ezekiel 42:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene yɛ anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na adammoa a ɛhwɛ ɛho fam abannwa no ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na hwɛ, asɔredan no anim deɛ na ɛyɛ basafa aduonum;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na adammoa a ɛhwɛ ɛho fam abannwa no ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na hwɛ, asɔredan no anim deɛ na ɛyɛ basafa aduonum;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na adammaa a ani kyerɛ ɛho fam abangua no atwemu si basafa dumien ne fa, na hwɛ, asɔredan no anim de na ɛyɛ basafa aduonu anum;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.