Ezekiel 43:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛfiri ne nnyinasoɔ a ɛsi nsuka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn mmiɛnsa, na ne pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛseɛ no ntam yɛ anammɔn nsia, na apa no pipiripie nso yɛ ɔnamɔn ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa baako, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa baako, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na efi fam nnyinaso no so de kosi ase afofare no so yɛ basafa biako na ne trɛw anammɔn biako ne fa, na efi afofare kumaa no so kosi afofare kɛse no so yɛ basafa abien, na ne trɛw anammɔn biako ne fa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efi ne nnyinaso a esi suka no so kɔ ne soro yɛ anammɔn abiɛsa, na mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa, na apa ketewa no ne apa kɛse no ntam yɛ anammɔn asia na apa no mu piw nso yɛ ɔnammɔn ne fa.