Ezekiel 43:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn anan ne afofare no ahinanan ne ano a etwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ wofa nantwi ba no mogya no bi na wode keka afɔremuka mmɛn anan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɔtwɔw so ne anoano kaa a atwa ho ahyia no ho na wɔanam so atew afɔremuka no ho de ayɛ mpata nso.