Ezekiel 43:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
a wɔde wɔn apon ase too m’apon ase ho na wɔde wɔn apongua nkyɛn mu sii m’apongua nkyɛn mu ho ma ɔfasu nko si me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyide a wɔyɛe huraa me din kronkron no ho ma mehyew wɔn m’abufuw mu no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a wɔmaa wɔn abobow ano bɛnee me, na wɔn apongua nso bɛnee me de a na ɔfasu na etwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeyɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno nti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuw mu.