Ezekiel 44:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm wɔ me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asɔfo, Lewifo, Sadok mma a wɔyɛ me kronkronbea hɔ adwuma, bere a Israelfo fii me nkyɛn kɔfom kwan no, wɔn de, wɔbɛbɛn me asom me, na wɔagyina m’anim de srade ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo Awurade asɛm ni.