Ezekiel 44:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛse no kwan so de me baa ɔdan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam mede m’anim mibutuwii.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw hɔ.