Ezekiel 45:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapadeɛ a, ɛsɛ sɛ mode ɛfa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ morebɔ asase no so ntonto de akyerɛ agyapade a, munyi so soma afɔrebɔde, asase no mu akronkronne mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem du; ɛne asase kronkron, ne hye nyinaa mu hyia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ mokyekyɛ asase no mu sɛ agyapade a, ɛsɛ sɛ mode fa bi ma Awurade sɛ ɔmantam kronkron a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahanum (37,500), na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beae no nyinaa bɛyɛ kronkron.