Ezekiel 45:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, fa nantwiforo a onni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ.