Ezekiel 45:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum (75).
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi mu basafa ahanu aduonum a ɛma ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no de, na basafa aduonu anum nyɛ ne mfikyisaase ntwa ho nhyia.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wobegyaw asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara yɛ anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum (75).