Ezekiel 45:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asase a moasusuw no ara mu, susuw ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum na ne trɛw basafa ɔpedu, na eyi mu na kronkronbea no, akronkronne mu kronkron no ntena;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munsusuw ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) na ne trɛw nso yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wobesi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no.