Ezekiel 45:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso munyi kurow no kyɛfa a ne trɛw basafa mpem abien ne ahanum na ne ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, kronkronbea soma afɔrebɔde no ho, ɛnyɛ Israel fi nyinaa dea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wobegyaw asase a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum (7,500) na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) a ɛtoa beae kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israelfi nyinaa de.