Ezekiel 45:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔberɛmpɔn no de no nna kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no nkyɛn mu ha ne ha, kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no anim, atɔe fam de rekɔ atɔe, ne apuei fam de rekɔ apuei, ntwemu ne mmusuakuw no kyɛfa no mmiako mmiako de no nsɛ, emfi atɔe hye so nkɔ apuei hye so;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no dabea bɔ hye. Ɛbɛtrɛw akɔ atɔe fam ne apuei fam akɔpem atɔe ne apuei ahye so, na ɛne mmusuakuw no mu baako asase abɔ hye wɔ atifi fam ne anafo fam.