Ezekiel 46:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso sɛ ɔde nʼagyapadeɛ no mu bi kyɛ nʼasomfoɔ no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfoɔ no dea kɔsi nʼahofadie afe. Ɛno akyi ɛbɛsane abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapadeɛ yɛ ne mmammarima nko ara dea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na sɛ ɔde n’agyapade no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnne ɛnyɛ ne de nkosi ahofadi afe no so, na ɛnsan nkɔyɛ ɔberɛmpɔn no de bio: Ɛyɛ ne nko agyapade, ne mma na ɛnyɛ wɔn de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso sɛ ɔde nʼagyapade no mu bi kyɛ nʼasomfo no mu bi a, ɛbɛyɛ ɔsomfo no dea kosi nʼahofadi afe. Ɛno akyi ɛbɛsan abɛyɛ ɔhene no dea. Nʼagyapade yɛ ne mmabarima nko ara dea.