Ezekiel 46:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbarima no de me faa ɛkwan a ɛda ɛpono no nkyɛnmu a ɛkɔ adan kronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, deɛ ɛyɛ asɔfoɔ no dea no, na ɔkyerɛɛ me beaeɛ bi a ɛwɔ atɔeɛ fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɔponkɛse no nkyɛn mu no so kɔɔ adammaa kronkron a ɛyɛ asɔfo dea a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔe fam akyi noho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔbarima no de me faa ɔkwan a ɛda ɔpon no nkyɛn mu a ɛkɔ adan akronkron a ɛkyerɛ atifi fam no, nea ɛyɛ asɔfo no dea no mu, na ɔkyerɛɛ me beae bi a ɛwɔ atɔe fam.