Ezekiel 46:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde me baa adihɔ a ɛwɔ afikyire hɔ no na ɔdii mʼanim de me kɔɔ ne ntweaso ɛnan no so, na mehunuu adihɔ foforɔ wɔ ntwea biara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔde me fii adi baa ɛho fam abangua no so, na ɔma mesen mekɔɔ abangua no twea anan no ho, na hwɛ, abangua no twea biara so no, abangua wɔ hɔ;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde me baa adiwo a ɛwɔ afikyiri hɔ no na odii mʼanim de me kɔɔ ne ntwea anan no so, na mihuu adiwo foforo wɔ twea biara so.