Ezekiel 46:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afɔrebɔdeɛ a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nnwammaa nsia ne odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhyew afɔre a ɔberɛmpɔn no mfa mmrɛ AWURADE no ni: Homeda, nguanten asia a wonni dɛm, ne odwennini a onni dɛm,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afɔrebɔde a ɛsɛ sɛ ɔhene no de brɛ Awurade wɔ Homeda no yɛ nguantenmma asia ne Odwennini baako a wɔn mu biara ho nni dɛm.