Ezekiel 47:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu.