Ezekiel 47:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Yei na ɛbɛyɛ asase no hyeɛ: “Atifi fam hyeɛ no bɛfa Hetlon ɛkwan so akɔfiri Ɛpo kɛseɛ no, atwam Lebo Hamat akɔ Sedad,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asase no hye ni: Ano a ɛda atifi fam: Efi ɛpo kɛse no ano fa Hetlon kwan a wɔrekɔ Sedad no so,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Eyi na ɛbɛyɛ asase no hye: “Atifi fam hye no bɛfa Hetlon kwan so akofi Po kɛse no, atwa mu Lebo Hamat akɔ Sedad,