Ezekiel 47:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhyeɛ no bɛfiri ɛpo no, afa Damasko atifi fam hyeɛ so akɔsi Hasar-Enan na Hamat hyeɛ no abɛda atifi fam. Yei na ɛbɛyɛ atifi fam hyeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔhye no fi ɛpo no ano kɔ Hasar-enon, Damasko hye so, na atifi fam de, ɔhye a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a edi atifi fam no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhye no befi po no, afa Damasko atifi fam hye so akosi Hasar-Enan na Hamat hye no abɛda atifi fam. Eyi na ɛbɛyɛ atifi fam hye.