Ezekiel 48:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfoɔ no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) ne tentene mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔeɛ fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apueeɛ fam, na anafoɔ fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem dummienu ne ahanum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem nnum, apueeɛ fam trɛ mpem nnum, na anafoɔ fam ntwemu mpem dummienu ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem dummienu ne ahanum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem nnum, apueeɛ fam trɛ mpem nnum, na anafoɔ fam ntwemu mpem dummienu ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn a soma asase kronkron yi nyɛ wɔn de ni: Asɔfo de, atifi fam, basafa mpem dumien ne ahanum, atɔe fam trɛw basafa mpenum, apuei fam trɛw basafa mpenum, na anafo fam ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfinimfini;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500) ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500). Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.