Ezekiel 48:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Asɔfoɔ no asase nkyɛn mu no, Lewifoɔ no bɛnya kyɛfa a ne tentene yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tentene nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000).
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem dummienu ne ahanum na ne trɛ yɛ mpem nnum; ntwemu nyinaa nyɛ mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ nyɛ mpem nnum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem dummienu ne ahanum na ne trɛ yɛ mpem nnum; ntwemu nyinaa nyɛ mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ nyɛ mpem nnum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Lewifo no nnya asɔfo hye no nkyɛn mu ntwemu nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum ne ne trɛw basafa mpem anum; atwemu nyinaa nyɛ basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem anum;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum (15,000). Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum (37,500), na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum (15,000).