Ezekiel 48:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tentene mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapueeɛ fam ne nʼatɔeɛ fam. Ɛso nnɔbaeɛ no na kuropɔn no adwumayɛfoɔ bɛdi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem nnum ne atɔeɛ basafa mpem nnum no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem nnum ne atɔeɛ basafa mpem nnum no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nea aka ne ntwemu mu a ɛyɛ soma asase no nkyɛn mu, apuei ɔpedu ne atɔe ɔpedu no, ɛnna soma asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbae nyɛ kurow no adwumayɛfo aduan;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum (15,000) wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi.