Ezekiel 48:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Gad kyɛfa no hyeɛ a ɛda anafoɔ fam no bɛkɔ anafoɔ fam afiri Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na Gad hye a ɛwɔ anafo fam a ɛkyerɛ anafo no so hye no mfi Tamar mfa Mariba nsu a ɛwɔ Kades ne Misraim subon no ano nkosi Ntam po kɛse no ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no.