Ezekiel 48:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anafoɔ fam ɔfasuo a ne tentene yɛ anammɔn mpem nsia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apono mmiɛnsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpem mmienu ahanu ne aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpem mmienu ahanu ne aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na anafo fam de no nsusuwii: Basafa mpemnan ahanum ne aponkɛse abiɛsa: Simeon ponkɛse, biako; Isakar ponkɛse, biako; Sebulon ponkɛse, biako;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum (6,750) no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.