Ezekiel 5:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede ɛkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na ɔnni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe akofena wɔ wo so. Me Awurade na maka.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛma ɛkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasugya, na owuyadeɛ ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrantɛ bɛba wo so; me, AWURADE, na maka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛma ɔkɔm ne mmoa bɔne aba mo so, na wɔama woadi mmasigyaw, na owuyare ne mogya bɛfa wo mu, na mede nkrante mɛba wo so; me, AWURADE, na maka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede ɔkɔm ne nkekaboa bɛba wo mu, na wo mma bɛsa ama woayɛ sɛ obi a na onni mma. Ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛfa wo mu, na mɛtwe afoa wɔ wo so. Me Awurade na maka.”