Ezekiel 5:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, nʼamumuyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛeɛ asene aman ne nsase a atwa ne ho ahyia. Wapo me mmara, na wanni mʼahyɛdeɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso nʼamumɔyɛ mu, wayɛ dɔm atia me mmara ne me nhyehyɛe asen aman ne nsase a atwa ne ho ahyia no. Wapo me mmara na wanni mʼahyɛde so.