Ezekiel 7:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ no aso! Ɛda no aduru. Mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye anaa ɔdetɔnfoɔ werɛ nho, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛbere no aba, ɛda no redu; mma ɔdetɔfo ani nnnye, na ɔdetɔnfo nnni nkɔmmɔ, na abufuhyew no aba n’asafo yuu nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere no aso, da no adu. Mma adetɔni ani nnye anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow, efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.