Ezekiel 7:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Ɛwom, wɔhyɛne totorobɛnto, na wɔboaboa biribiara ano deɛ, nanso obiara renkɔ ɔsa, ɛfiri sɛ mʼabufuhyeɛ wɔ nnipakuo no nyinaa so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ, nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔhyɛne totorobɛnto na wɔsiesie ade nyinaa deɛ, nanso deɛ ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibereɛ ba wɔn asafo yuu nyinaa so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔhyɛn torobɛnto na wosiesie ade nyinaa de, nanso nea ɔkɔ ɔsa nni hɔ; na m’anibere ba n’asafo yuu nyinaa so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wɔahyɛn akobɛn no, na wɔboaboa biribiara ano de, nanso obiara renkɔ ɔsa, efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.