Ezekiel 7:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wɔbɛto wɔn dwetɛ agu mmɔntene so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuhyeɛ ɛda no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, ɛfiri sɛ ayɛ wɔn suntidua de wɔn akɔ bɔne mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so, na wɔn sika adane sɛ sumina; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔbɛtoto wɔn dwetɛ agugu mmorɔno so, na wɔn sika adane sɛ sumina; wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn AWURADE abufuo da no mu, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamdeɛ mu mama, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ wɔn amumuyɛ ho suntidua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔbɛtotow wɔn dwetɛ agugu mmorɔn so, na wɔn sika adan efi; Wɔn dwetɛ ne wɔn sika rentumi nnye wɔn. AWURADE anibere da no, wɔremfa mma wɔn kra mmee, na wɔremfa nhyɛ wɔn ayamde mama, efisɛ ɛyɛɛ wɔn amumɔyɛ ho hintidua;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so, na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew. Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Awurade abufuwhyew da no. Ɛrenkum wɔn kɔm na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma, efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.