Ezekiel 7:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atoyerɛnkyɛm bɛdi atoyerɛnkyɛm akyi aba; atesɛm bɛdi atesɛm akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛnya anisoadehunu afiri odiyifoɔ no hɔ, Ɔsɔfoɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn. Saa ara na wɔrennya afotuo mfiri mpanimfoɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Abuo pae abuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mmusuo pae mmusuo so, akwansosɛm pae akwansosɛm so. Na wɔhwehwɛ odiyifoɔ hɔ adehunu, na mmara bɔ ɔsɔfoɔ, na afotuo bɔ mpanimfoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Abu pae abu so, akwansosɛm pae akwansosɛm so; na wɔhwehwɛ odiyifo hɔ adehu, na mmara bɔ ɔsɔfo, na afotu bɔ mpanyimfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba; huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi. Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ, asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn, saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.