Ezekiel 8:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? So ɛyɛ hare ma Yuda fi sɛ wɔyɛ akyide a wɔyɛ ɛha yi, sɛ wɔde atirimɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasan abehuru me bo? Na hwɛ, wɔde dubaa no ka wɔn hwene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase!