Ezekiel 8:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte sɛ onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na ɛfiri hɔ rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn sɛ dadeɛ a adɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ.