Ezekiel 9:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde nne kɛse teɛɛm m’asom sɛ: Ma kurow no so ahwɛfo ntwiw mmɛn, na obiara mfa n’akode a ɔde sɛe ade nkura ne nsam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.”