Ezra 1:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem wɔ ɛberɛ a wɔn a wɔtwaa wɔn asuo firi Babilonia baa hɔ no dodoɔ yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem enum ne ahanan (5,400).
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum, ahannan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wotuu wɔn kɔe a ɔde wɔn fi Babel san baa Yerusalem no de bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400).